Our website is made possible by displaying online advertisements to our visitors.
Please consider supporting us by disabling your ad blocker.

Responsive image


Luxmanda

Luxmanda
archaeological site, Neolithic settlement, ancient DNA
ƆmanTanzania Sesa
coordinate location4°15′24″S 35°18′38″E Sesa
time of discovery or invention2012 Sesa
Map
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Luxmanda yɛ beae a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a ɛwɔ Babati Mantam a ɛwɔ Tanzania atifi fam mfinimfini . Wohuu no wɔ afe 2012 mu. Tutuo a wɔatu wɔ mpɔtam hɔ no ama wɔahu sɛ ɛyɛ beaeɛ a ɛso sen biara na ɛwɔ anafoɔ fam paa wɔ Savanna Pastoral Neolithic (SPN) mu,[1] a ɛyɛ mmoayɛn amammerɛ a wɔgye tom wɔ fam tutu mu a ɛwɔ Afrika apueeɛ fam wɔ berɛ bi a wɔfrɛ no Pastoral Neolithic (bɛyɛ 5000– 1200 BP).[1] Radiocarbon a ɛkyerɛ bere a fango, nnipa collagen, ne nneɛma a nkwa wom a ɛwɔ dɔte nneɛma mu no kyerɛ sɛ na nnipa te Luxmanda mfe 3,200 kosi 2,900 a atwam ni.[1] Wɔanya dɔte (a ɛyɛ Narosura su), abo a wɔde ayɛ, nnompe a wɔayɛ adwuma, asonse, ne ostrich nkesua a wɔaboaboa ano a ɛka mmoa ne nnipa nnompe ho afi Luxmanda beae no.[2] Na Luxmandafo yɛ mmoahwɛfo a wɔn ho akokwaw kɛse, na na wɔde wɔn ho to anantwi, nguan, mpapo, ne mfurum so de di wɔn asetrade.[1] Wonnim wɔn kasa mu abusuabɔ, nanso abakɔsɛm mu kasa ho abenfo binom asusuw sɛ na nnipa a wɔwɔ SPN no ka Kushi kasa ahorow. Pastoral Neolithic no akyi no Pastoral Iron Age ne Bantufo Ntrɛwmu.[3]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Grillo, Katherine; Prendergast, Mary; et al. (2018). "Pastoral Neolithic settlement at Luxmanda, Tanzania" (PDF). Journal of Field Archaeology. 43 (2): 102–120. doi:10.1080/00934690.2018.1431476. S2CID 135287460.
  2. Langley, Michelle C., Mary E. Prendergast, and Katherine M. Grillo (2017). "Organic technology in the Pastoral Neolithic: osseous and eggshell artefacts from Luxmanda, Tanzania". Archaeological and Anthropological Sciences. 11: 1–14. doi:10.1007/s12520-017-0528-z. S2CID 134057537.{{cite journal}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  3. Alison Crowther, Mary E. Prendergast, Dorian Q. Fuller, Nicole Boivin (2017). "Subsistence mosaics, forager-farmer interactions, and the transition to food production in eastern Africa". Quaternary International. xxx: 5. Bibcode:2018QuInt.489..101C. doi:10.1016/j.quaint.2017.01.014.{{cite journal}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)

Previous Page Next Page






Luxmanda English Luxmanda French Luxmanda HA Luxmanda Swahili

Responsive image

Responsive image